Chale,

Hiplife (In this life) (Obrafour & Sarkodie)

Obrafour
Ɛnyɛ agorɔ o!
Masɔre anɔpa redwene, mabrɛ ampo
Medwene nsɛm a asisi wɔ nnwomtoɔ mu
Tie, sɛ woyɛ ketektete a, w'ani so gidigidi
Stardom no nso adidi wo tirim'
Ei, na hwan ni

Sarkodie
You know what time it is, straight up, Obedepɔn bede
Now, okay bra panyin, Sarkodie, mekyia wo
Asɛm bi kyere m'adwene so, ɛno na merebisa wo
Ɛɛ '99, ɛna metee mo nka
Saa time no koraa na ɛyɛ nnwom bɛn, okay, pae mu ka
Na metee wo nnwom, menyaa atenka sɛ, ɛwɔ m'ani tumi bre
Ɛnnɛ hwɛ, Maame Adwoa mbɛhwɛ ɛ
Mennim sɛ me ara me sua, nti mehia wo mmoa
Metwaa wo text, I hope sɛ, wo nsa kaa no nnora

Obrafour
Yoo, aane, ɔbede, megye wo so
Woamma m'ani agye dodo, sɛ anɔpa yi wobɔ me pono, sɛ worebɛgye m'afutuo
Tena se, awiase, obi safoa nyera kwan
Ananse wɔ fie a, yɛnmmisa deɛ ɔnwene ntentan
Ɛtoo deɛ ɛyɛ den so a, yɛgye ban gye ban
Adwuma a yɛreyɛ yi, yɛnnim deɛ yɛbɛgyae

Sarkodie
Medwene sɛ m'ano ate, wei deɛ manyini mu koraa
Jack, nya aboterɛ, mafu abɔdwe nso meyɛ akwadaa

Obrafour
To wo bo ase na tie, woaba panin fie
Yɛse ɔpanin nni hwee, ɔwɔ abakyɛ
Ɛba kasahare nso a, mehwɛ ahenkyɛ
So mu hwɛ, hwɛ ne fɛ, sɛ wopɛ? ɛnworɔ wo kyɛ
Si aboterɛ, abɔdin wei, yɛngye no kɛkɛ
Sɛ woreyɛ wo ho ko a, wo na wobɛhwɛ
Sɛ woma wo ho so a, ɛneɛ worenkyɛ
Tie, kasahare akwantuo, wohia akokɔduro, akwankyerɛ ne afutuo, ɛnyɛ abufuo
Wei yɛ mono, wei yɛ fresh sɛ anɔpa bosuo
Woraape dodo, ɛtra wo a, nom nsuo, tie, ɛtra wo a, nom nsuo

Chorus
In hiplife, adwuma kɛseɛ da yɛn anim, nanso yɛnnhimhim
In this life
Obede, menim deɛ Nyankopɔn bɛyɛ
Mennim sɛ wiase a, yɛte yi, yɛn nyinaa nsatiaa nyinaa nyɛ pɛ
In hip-life, yɛ kosɛkosɛ hyɛ yɛn tiri mu, yɛbɛpre ako akɔ yɛn anim
In this life
The Executioner, Sarkodie, na me deɛ mɛpre me ho na me life yɛ baako pɛ
In hiplife

Some things will never be the same as we growing
The things we used to do at five, now we can't do it

Sarkodie
Now, afei mpo deɛ, neɛ mepɛ ara ne sɛ na anka ebi a
Menya me Land Cruiser, dan ɛne mmaa yi wie a,
Mebɔ shows, one or two, menya m'akatua wie a
Ɛno ara ne sɛ, one cool corner, me ne me boys hyia a

Obrafour
Twɛn akɔdaa na wo deɛ, kɔtɔ ani yɛ abaa
Samson ahwe aseɛ yi nyinaa, ɛne mmaa
Sɛ wopɛ sɛ wonyini kyɛ, na wobɔ bra pa a, na woto nnwom kyɛ a, ɛneɛ tie ha
Ɛndi akohwisɛm, ɛndi atutrasɛm, ɛndi asubansɛm, ɛne ayɔnkosɛm
Yɛrekanfo wo dua, foro, na yɛrekanfo akyakya
Nyɛ nipa nyinaa na ɛdɔ nti ɛyɛ a, hwɛ wo kasa

Sarkodie
Bra panin, woaka a, mate
Mennim sɛ wo deɛ wakyɛ, woarappe ɛfiri tete
Nea ɔtan me, nea ɔdɔ me, nea ahiaa me ma no boaa me
Nya ɔtee me sufrɛ gyee me, neɛ ɔyɛɛ adeɛ ma no hyee me
Hwan na menfa no mbɔ bra, hwan na menya adwen sakra
Na hwan na mengye n'ano asɛm nto m'asum sɛ akokɔ ntakra

Obrafour
Tie me, nya ahwɛyie, atieyie mma ayirenfie
Daabi daabi, nya aso tie, Onyame mpɛ asisie
Ma w'ani nda hɔ, na bie w'akoma mu to hɔ
Nya ɔdɔ ne ahumɔbrɔ
Anigyie sɛ kɛtɛ ma ɔdɔ da so a, asomdwoe na ɛbobɔ
Kakraa bi ara, ma w'ani nsɔ, di nokorɛ na nya ahotɔ
Afei nso anibie nfa w'ano ntwitwi fɔm te sɛ akokɔ

Bridge 2x
Nsɔhwɛ bebree na ɛbɛto wo kwan so
Nipa bebree, na ɛhyɛɛ aseɛ nanso
Deɛ ɔse ɔdɔ wo, bɛdane wo tamfo
Si aboterɛ, na wo deɛ nam kwan so
Nnwom yi yɛn wo dɛ a, boa me na yɛnto
Ah, ah, bɔ wo nsa ano

Obrafour
Ɛmma biribiara nha wo, ɛmma w'anibre nsasa wo
Nti wo ho akyɛdeɛ, Nyame na ɛde ama wo
Afei nso kae sɛ, abrabɔ, obi renbɔ bi mma wo
Wantoto wo nneɛma yie a, daakye, wobɛwe akaw
Asɛm a mepɛ sɛ meka, dɔɔ so, ebe chaw
Yɛka sɛ yɛbɛdi adwen dɛ kyɛɛ, yɛbɛhwe firaw
Anipa ani bɛsa wo, ɛbi bɛdwane agya wo
Ɛkyere wo so a, texte, na mɛtwa wo

Repeat Chorus

2x
Some things will never be the same as we growing
The things we used to do at five, now we can't do it

Sarkodie
Bra panin, medaase paa, sɛ metoo nsa frɛɛ wo, wonyaa mmerɛ maa me
Na merekɔ, biribi ni na ɛkyere m'adwen a, ɛyɛ a, mɛfrɛ wo, medaase

© Obrafour

<< Dea-Ɛ-Di-Anyim | A-Ɛ-Di-So >>