Museke,

"Tete Wo Mma" Ne Nkyerɛmu

Te "Tete Wo Mma" ase.

"Tete Wo Mma" yɛ anwensɛm.
Anwensɛm no ne kasa no yɛ Akan.

Nkyerɛmu

"Tete Wo Mmma" kyerɛsɛ tete wo mba.
Tete wo mba yie.
Tete wo mba tesɛ sordaanyi.
Owu tweɔn ma obiara.
Kyerɛ wo mbabarimba na mbabea ndwuma den.
Ɛ bɛboa wɔn wɔ bra papa.
Tete wɔn yie mu asiesɛm.
Bra wɔ mmbere papa na mmbere bɔne.
Nkorɔfo titiriw tumi tɔ awerɛfirimu.

Tete wo mma te sɛ abrabɔ mu asraafoɔ
Nnyɛn wɔn te sɛ ahenfie abosom
Efirisɛ onipa biara wɔ owuo buo mu
…ɛɛtwɛn ɛda owuo bɛyi no akɔto ne pono so
…adwedwa

b
Ma wo ba barima nhunu sɛ efie adwuma hia
Ma wo ba baa nhunu sɛ sika adwuma hia
…ɛma no mpiri mɔdenmɔ wɔ n’adaeso mu
Nhyɛ wɔn babee
Efirisɛ onipa biara wɔ owuo buo mu
…ɛɛtwɛn ɛda a owuo bɛyi no akɔto ne pono so
…adwedwa

d
Ɛsan nni nyiyimuu
Ɛsan ani sa onipa biara
Enti tete wo ba yie, sie
Na ontumi nhwɛ fie
Sɛ ɛsan bɔ no kɔto amaniɛ mu a
Abrabɔ yɛ afrosaniɛ
Wɔn a wɔwɔ soro no tumi pa hwe fɔm
…mpatupru

Amoafowaa Sefa Cecilia © June 19, 2020

<< Dea-Ɛ-Di-Anyim | A-Ɛ-Di-So >>