Sua Twi Kasa,

Ananse, Anyihaw Yɛ Bɔne

Akrɔma yɛ nyi papa. Ananse yɛ nyi bɔne.

Akrɔma hyɛ kua ase. Ananse hyɛ kua ase.

Akrɔma yɛ adwuma. Ne kua nyin.

Ananse nnyɛ adwuma. Ne kua wu.

Ananse sua: anyihaw yɛ bɔne.

Ananse, Anyihaw Nnyɛ

Akrɔma yɛ adeyɛfo. Ananse de, ɔ yɛ kwaadwenyi.

Wɔ yɛee adwene sɛ wɔ bɛyɛ kua abɔ mu. Wɔ hyɛee adwuma no ase pɛ na Ananse see sɛ ɔ yare. Saa nti, Kwaku Ananse annkɔ kua ne mu da.

Akrɔma dɔwee kua no nyina wieiee no, ɔ kyɛee mu abien. Ɔ duaee aduane wɔ ne de no so, na ɔ gyaee Ananse asaase no toee hɔ maee no.

Ananse annkɔ ne de no mu da. Anyihaw nti na ɔ annkɔ.

Twabere baee no, aduane buee Akrɔma so seyi tam! Kwaku Ananse de, nna ɔ nnyi biribiara a ɔ nye ne mba bɛdi. Ananse yɛee ne adwene sɛ ɔ bɛdidi afiri Akrɔma ne kua no mu. Ɔ duru hɔ no na Akrɔma atwitwa ne aduane no nyina de asie ne buw mu.

Da bi Akrɔma kɔfaee aduane fiee ne buw mu. Ɔ hyiaee Ananse a na neho ayɛ twan ɛfirisɛ kɔm de no. Akrɔma huee ne mbɔbɔr na ɔ maee no aduane no kakra diee.

Ananse de anyiwu suaee sɛ ɔ nnyɛ anyihaw biom.

<< Dea-Ɛ-Di-Anyim | A-Ɛ-Di-So >>