Nyamfowa,

Ɔ Abubu Me Mpokyere

14. Ɔ Abubu Me Mpokyere

Ɔ abubu me mpokyere
Ɔ ama me afa me ho adi
Fawohodi fi nkoasom mu
Ɔ ama me anya wɔ ne mu
Ɔ agyegye me kɔn afi
Me adesoa durdur yi mu
Me nnyɛ ɔbonsam akowa biom
Me ayɛ Onyame ne ba

Daa daa me yɛ wo de
Me yɛ wo de, me wura Yesu ei
Daa daa nyinara me yɛ wo de
Me akoma retow ndwom sɛ
Anyimunyam nka aguamba