Chale,

Nya ntetee pa - Obrafour

"Nya ntetee pa - Obrafour" yɛ dɛn?

"Nya ntetee pa - Obrafour" yɛ ndwom .

Ɔkyena, yɛ bɛtow "Nya ntetee pa - Obrafour".

Nkasafua.

Ɔbrafoɔ (Ɔbrafoɔ) (da last 2)
Aane, ɛnyɛ han bofoɔ, ɛne akyɛdeɛ foɔ
Ɛnso tie, yɛwɔ basabasayɛ
Mokaasɛ yebɔ
Execution Entertainment, Nya Nteteɛ pa

Chorus
Nya Nteteɛ Pa
Buoomieeee, Ghanaman mma e
Yaanom yɛhuuyɛ anka o
Daabia na yaka akyire o
Buoomieeee, Ghanaman mma e
Yaanom yɛhuuyɛ anka o
Daabia ne a yaka akyire o
Nya Nteteɛ Pa
Aah ooh
Yɛnyɛ deɛ yɛbɛtumi bia
Yɛnfa mmoa yɛman yi a
Aah ooh
Yaanom yɛhuuyɛ anka o
Daabia ne yaka akyire o

Hook (English)
Be at the right place, the right time
C'mon y'all, do the right thing
Be at the right place, the right time
C'mon y'all, do the right thing

Hook (Twi)
Asɛm yi de ka
Rap Sofoɔ, me hu a, mɛka nti na mebɔɔ pae mu ka
Ah, Rap Sofoɔ, me hu a, mɛka nti na mebɔɔ pae mu ka

Verse 1
Opanin a, ɔhwɛ ma mmɔfra we nanka
Yɛrebu nankawefoɔ a, ɔka ho
Ɔman yi mu, kɛtɛasehyɛ, prɔɛ, ahuuka, boapayɔ ne mu nsɛmfo
Atu apese, abɔ apete
Ama Ɔmanpaani abɛdi akyire, adwen ho
Nokorɛ trodoo
Awiase mpanin se deɛ ɔforo dua pa, na yɛpia no
Me nua, wei nyɛ party manso
Ɔsofoɔ, mayɛ akonkyee nanso
Mahu ɔman yi mfapem, ne nkosoɔ, ne awieyɛ, mpuntuo gyina Nteteɛ Pa
Mpanin, mmeranteɛ, mmaabaawa
Wɔnsom, wɔnsom, wɔn ne nipa
Nhwɛso pa bɛn na yɛregya nkyiri mma
Ɛfiri President, Minister, truck pusher so de bɛ si daamusa
Ɛyɛ a, bisa wo ho sɛ wo nneyɛɛ fata
Wo ara hwɛ, yɛdɛ krokromuotie power
Ato aba ayi wo, parliament kɔhyɛ mmra
Mmrahyɛ badwam hɔ, ɛnni nansa
Honourable Kofi, absent, wɔamma
Hweebonto MP baa yɛ, ɛnso yɛhuu no TV so, na wada
Na wo ɛ, aban adwuma yɛnni, ɔboa pa
Nɔnkron abɔ, ɔdaso da mpa mu
Ɔno kwam mu, daabia, ɔyɛ late wɔ adwuma mu
Managing Director, tetɛ mpoma mu
Ɔnni atenka, pɛsɛmenkomenya
Ɔde nsaman din ahyehyɛ akatuawonma mu
N'adwen, etua aban wo a, etua dua mu
Sɛ aban nsa ka no nso a, na ɔrekeka mu

Repeat Chorus

Verse 2
Ɔman mma, yɛ nyinaa yɛdifɔ
Me ne me ne wo, yɛwɔ asɛm bɔ ne pɔ
Kalabuley, Ghana dwa so na ɛwɔ
Adwadifoɔ nfasopɛ bɔne
Ɛde ahokyerɛ, ohiani bɔtɔm ɛnni ahotɔ
Anibrɛ ne akwadworɔ, aborɔ
Kwaa Mensa wɔ ahoɔden a, yɛde dɔ
Ɛnso daabi, krɔnoo nkoaa na ɔbɔ
Ɔde n'ahoɔden atwe tuo tɛ nkwankyɛn, kɔ efie mu
Apɔɔ nkoaa na ɔbɔ
Awudie, azaa, asisie
Ɛna ne agya, ntɔkwantɔkwa wɔ fie
Ntamkɛseɛ akeka mu ne mu ne atɛmdidie
Ɛyɛ a na yɛrefi sɛ mmɔfra wɔ fie
Ebei Ghana, agyahyehyeɛ
Deɛ ɔnnom jɔt, deɛ ɔtwa abɛ, deɛ ɔhye nhusie
Ɔno nso, ɔnyɛ ahwɛyie
Electricity, illegal connections
Nyinaa adukadaya, adeseɛyɛ
Basabasayɛ a ɛrekɔ so wɔ agopramaso
Atowerɛnkyɛm bɛba a, ɛnam hwan so
Never, yɛnndi Mose mmra so
Abufuo bi wo mu a, fa kwanpa so
Ɔbrafoɔ, menkae mo ɛyaw
Ɛmom, May 9th, May 9th, May 9th
Now look, opanin, opanin
Opanin bɔne a ɔhyɛ khaki pioto
Ɔhyɛ nkwadaa ne ɔmo da, monaato
Koowa krataa mu, TV so
Rape cases nkoaa, y'aso gu so
Adɛn, ɔman Ghana gye me so (respond)
Ɔyonkoɔ, hyepetee, kwaadonto
N'ani tua yaa nanso ɔnkɔ so
Ɔno deɛ, sɛbe npoano na ɔtwa ne to
Oh hoo, Kojo, ohia ngbo
I tell you, your eye die

Repeat Chorus

Verse 3
Ma ɔman yi ho nhia wo
Ghanaman yɛ woara, ampaara
Yɛse sɛ ɛwene nya a, na ani anya
Awiase baduakoɔ seɛ baduasa
Anifrafoɔ kyerɛ kwan a, gutter
Allah, asɔfoɔ bi nom pɛ alaafa
Ninety percent, the truth wɔnnka
Eii, Mr. Agyei Koti, ɔsumase sika nketenkete na wogye
Ɔgyina kwan ho, asɛ ɔrechecke license
Ɔboa, 5G hyɛ mu, na wayi
Bie w'ani, lɔrry akwanhyia ɛresisi
Adraevafoɔ twi kaa gidigidi (too much)
Wrong overtaking, no parking
Ɔgyina kwan nfinfin pɛɛ, na ɔreloadii
Traffic light asɔkɔɔ, na watwa mu
Ɔte steer akyi, wawe apio, waba mu
Wayɛ sram, wasan afa nipa abro so
Adaka mu, nkrɔfoɔ mma adi asam mu
Ɔnwomtofoɔ, musician bɔyɛ nnwom
To anigyie, ɔdɔ, nkoranhyɛsɛm
Ɛyɛ a, gyae nsɛmhunu ne adwamansɛm
Ɛmmoa, ɛfrɛfrɛ akɔhwisɛm
Kwaata, n'adwen ara ne ɔpɛ sika ntɛm (Nya Nteteɛ Pa)
Gyae saa, wobɔ toɔ abora wota wo yam mu
Maame abɔka, ɔsukuunii
Awofoɔ pɛ sɛ wobɛyɛ kraakyenii
Nyamedua nsuro mframa, wade nhinii
Afei, wate atua, nnubɔne
Behwɛ, ɔne Yaataa agobɔne
Agyee, ɛbɛwua seɛ, efupee
Sɛ Nyame ampata a, yarebɔne
AIDS, sɛ woahu, wo daakye abɔ wo
Sɛwoɛntie ho ho asotwee
Kae, the right place, the right time (the right time)
Come on, the right thing (Nya Nteteɛ Pa)
Ɛnyonsɔ, ɛngya nwura ngu abɔnten
Bɔ mmɔden, ma Ghana enyɛ wo dadwene
Me nua, obi nso trodoo mma atoa
Awiase somwoso nso nyɛ akoa
Ghana bɛyɛyie a, me ne wo mmoa

Nya Nteteɛ Pa, Aah Ooh
Yɛnyɛ nea yɛbɛtumi biara
Yɛnfa mmoa yɛman yi a
Nya Nteteɛ Pa, Aah Ooh

Ngyeso
Nya ntetee pa
Buoomieeee, Gaana-man mba e
Yaanom yɛ huee yɛ annka o
Da biara na yɛ aka akyi o

Buoomieeee, Gaana-man mba e
Yaanom yɛ huee yɛ annka o
Da biara na yɛ aka akyi o

Nya ntetee pa
Yɛ nyɛ dea yɛ bɛtumi biara
Yɛ mfa mboa yɛn man yi a
Yaanom yɛ huee yɛ annka o
Da biara na yɛ aka akyi o


© Obrafour
| A-Ɛ-Di-So >>